Psalms 143

Dawid dwom.


1 Awurade, tie me mpaebɔ,
tie me mmɔborɔsu;
fi wo nokwaredi ne trenee mu
bra bɛboa me.

2 Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu,
na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.

3 Ɔtamfo no taa me,
ɔbɔ me hwe fam;
ɔma me tena sum mu
te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.

4 Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu;
na me koma di yaw wɔ me mu.

5 Mekae tete nna no;
midwinnwen wo nnwuma
ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.

6 Mema me nsa so kyerɛ wo;
wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.


7 Awurade, gye me so ntɛm;
me honhom tɔ piti.
Mfa wʼanim nhintaw me
anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.

8 Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,
na mede me ho ato wo so.
Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,
na wo na mema me kra so kyerɛ.

9 Awurade gye me fi mʼatamfo nsam,
na wo mu na mede me ho hintaw.

10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde,
na wo ne me Nyankopɔn;
ma wo honhom pa no
nkogya me asasetaw so.


11 Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so;
wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.

12 Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano;
na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa,
na meyɛ wo somfo.
Copyright information for TwiAKNA